Kwame Nkrumah
From Wikipedia
Kwame Nkrumah yɛ Gaanani a ɔyɛɛ amansɛm.
Nna ne maame yɛ Elizabeth Nyanibah a nna ɔfi Anɔna Ebusua mu. Ne papa so nna ɔyɛ Kofi Ngonloma a nna ɔfi Asɔna Ebusua mu. Ɔwarr Helena Ritz Fathia Nkrumah Mumu-Ɔpɛnimba 31 afe 1958 mu. Ne mba yɛ ebiasa-- Francis Gokeh; Sarmiah Yarba na Sekou Ritz.
Dea Kwame Nkrumah yɛɛ a ɛma ne din terɛw ne sɛ ɔgyee fahodi fi Ngyiresi man ma Sika Mpoano na ɔsesa ne din frɛɛ no Gaana. Abere no, na ɔyɛ Gaana ɔmanpanin a ɔdi kan.
Kwame Nkrumah yε Ghanafo omanpanyin a odi kan. Ɔno na obuu yεn man no maa no yε keseε sεnea ete εnnε yi (Independence fawohodie wɔ 06.03.1957)
Contents |
[edit] N'awo mu ne N'adesua
Wɔwoo Kwame Nkrumah wɔ Nkrɔful wɔ ɛbɔ 21, 1909. Edin a wɔtoo no ne Francis Nwia-Kofi Ngonloma. ɔkɔɔ Achimota School, Roman Catholic Seminary wɔ Amisano, a ɔsan kyerɛɛ ade wɔ Catholic School wɔ Aɔim. ɔkɔɔ Amɛrika a, ɛhɔ na ɔkɔɔ Lincoln University ne University of Pennsylvania. Abibisuafo kuw a ɛwɔ Amɛrika ne Kanada sii no Prɛsidɛnt ɛwɔ wɔn kuw ne so.
ɔkɔɔ London, na Ohyiaa George Padmore a ɛhɔ na ɔhyɛɛ Abibiman faahodie ho nhyehyɛe. Sukuupɔn ahorow pii bɔɔ n'aba so wɔ dwuma pa a ɔhyɛɛ ase no.
[edit] N'akwantuo
[edit] Africa sane ba
Kwame Nkrumah san baa Ghana afe 1947 bɛboaa United Gold Coast Convention kuw a na Joseph Boakye Danɛuah di anim. Ghana faahodie nsɛm ho na wɔbɔɔ mmɔden. Afe 1948 mu no, polisfo to kɔtoo abibi eɔ-servicemen bi so tuo a na wɔrenantew retia aban no wɔ asetena a ɛyɛɛ den no. Aban no faa basabasayɛ no sɛ UGCC to nsanodwuma na wɔkyeree wɔn mpanyinfo dodow no hyɛɛ fie ase. Eyi de amaneɛ ne adesɛe sanee Kumasi, Accra ne nkurow ahorow pii. Aban no huu ssa no, woyii UGCC mpanyinfo a Kwame Nkrumah ka ho, efii fie ase hɔ. Eyi de anuonyam pii baa Nkrumah ne mpanyinfo a wɔkyeree wɔn so. Afei na amanfoɔ nyinaa ani da UGCC ahoɔden ne Ghana faahodie a obenya so.
Nkrumah kɔɔ nkurase ne mpɔtam pii twee amansan adwen baa Ghana faahodie ho. Kokoo kuafo ne nnwuma kuw pii wɔn ani nnye ɔman no ne wɔn asetena mu no, taa Nkrumah akyi a afe 1949 mu no, ɔtee ammaneɛkuw foforo a ɔfrɛɛ no “The Convention People's Party (CPP)”.
Ahodwan nti, Britain man a na odi Ghana so saa bere no, penee sɛ ɔman no bɛkyerɛw mmra foforo. Nkrumah frɛɛ nnipa ne nnwumakuw pɔtee, ahemfo, akuafo ne ɔman no mpanyinfo na wɔkyerɛwee mmra foforo maa ɔman Ghana. Mmra no mu no, wobisaa sɛ abibifo benya tumi wɔ ɔman no nhyehyɛe mu. Eyi ekyi no, wobisaa faahodie maa ɔman Ghana.
Mmra foforo yi annkɔ yie wɔ aborɔfo no hɔ, na wɔampene sɛ emu mmisae no bɛba mu. Eyi hyɛɛ Nkrumah abufuw na ɔtoo nsa frɛɛ nnwumakuw ne Ghanafo nyinaa sɛ wɔnfa asoɔden nhyia Britain mmra ne nhyehyɛe a wɔakyerɛw sɛ ɔman no nni so. Saa nti wɔsan kyeree Nkrumah kɔtoo fie ase mfe mmiɛnsa. Eyi hyɛɛ Ghanaman mma dodow ahoɔyaw na wɛkekaa wɔho kɔboaa CPP kuw noo tiaa Britain mmra a wɔahyehyɛw no. Na Nkrumah ne mpanyimfo dodow no wɔ fiease nso afei na nnipa pii ani abere kwan a aborɔfo no de ɔman no refa.
Ahometew ne amannehu maa Britain fo no faa adwen sɛɛ wɔbefi Ghana asaase so. Afe 1951 mu no, wɔhyehyɛɛ abatoɔ a edi kan wɔ abibiman Afrika mu. Nkrumah dii nkunim na wɔtoo nsa eyii no fii fie ase de no sii Aban Nhyehyɛe Bedwani anaa “Leader of Government Business”. Woyii no Ogyefuo 12, 1951 na n'amaneɛkuw CPP nyaa mmrahyɛbedwa nkongua 34 efi 38 mu bere a ɔdaso wɔ fiease Britain aban ntamgyinani a wɔfrɛ no Charles Arden-Clarke ka kyerɛɛ Nkrumah se ɔnhyehyɛ aban foforo a asɛm a etwa to no ne sɛ, eyi nyinaa ekyi no, ɔman Ghana benya ne faahodie. Asɛm yi bedii so bere a Britain aban no yii ntamgyinani Arden-Clarke na ɔman Ghana nso tow aba foforo afe 1960 mu esii Nkrumah Ghana ɔmanpanyin.
[edit] Ghana Fawohodie
ɔmanpanyin Nkrumah yɛɛ nneɛma pii a ɛboaa Ghana nkɔsoɔ paa ara. Odii kan de Ghana nkyekyɛmu anan no nyinaa bɛyɛɛ biako na ɔsan hwɛɛ so yɛɛ ɔmanpanyin adwuma a wɔde ama no. Wosii sukuu, lɔrekwan, ayaresabea ne agyananbea dodow a ɛboaa sɛ Ghana mma asetena mu bɛyɛ mmerɛ. Saa mmere yi no, na amansan no ara frɛɛ Nkrumah sɛ ɔsagyefo, wɔ nea ɔbɔɔ mmɔden yɛ maa ɔman no ne emu nnipa nyinaa.
Ghana faahodie bae no, Nkrumah bɔɔ mmɔden boaa abibiman faahodie adwuma no efisɛ na wadi kan ehyia abibifo mmadwemma te sɛ Marcus Garvey, William E.B. Dubois, Martin Luther King ne George Padmore, akenkan wɔn ankyerɛwee pii. ɔde ne nnimdeɛ ne nyansa boaa faahodie ahoboa wɔ abibiman nkurow pii so. Ade baako a ɔyɛe a nnɛ yɛdekae no ne Abibimann Nkabomkuw anaa “Organisation of African Unity” a ɔboaa ma wɔtewee.
[edit] Ɔmanyɛ
Kwame Nkrumah baa Gaana no, ɔbaa sɛ ɔrebɛboa UGCC amanyɛ kuw no. Mber kakra ba mu no, ɔhunu no sɛ na UGCC mpanimfo no nne no nyɛ adwene sɛ Sika Mpoano bɛtumi agye ne fahodi ntɛmtɛm ara.
Dɛm nti, ɔteww ne ho kɔhyiaa amanyɛ kuw foforo a wɔfrɛ no CPP.
[edit] Omansiesie
Nkrumah hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ahyehyɛ Ghana mpontu. N'adwen yɛɛ no sɛ, ansa Ghana betumi adi ne ho ni sɛ ɔman a wanya ne faahodie no, ɛwɔ sɛ otumi yɛ nea ehia no nyinaa a amanɔne mmoa biara nka ho. Eyi nti sika a saa mmere no kokoo dodow a ɔman no tɔn yɛ no debaa yɛ no, ɔde hwɛɛ nnuma foforo a wɔbɔɔ ɔman no ka yiye. Nnuma no pii annkɔ awiei pa na ɛkɔbaa sɛ sika pii a ɔde hyɛɛ nnwuma no mu no annfa papa biara amma. Amanɔne mmuae na anka apɛ sɛ oyi Ghana fi mu nso bɛyɛɛ ade a Ghana bɛhwehwɛɛ paa ara. Eyi nti Ghana a anka ɛyɛ asikaman titiriw wɔ abibman mu no, bɛdanee ɔman aserɛfo a odi ohia yie.
[edit] Ne asehwe, Asutware ne Wu
Afe 1954 mu no, nneɛma pii sii wɔ ɔman no mu a wɔdanee Ghana ne Nkrumah asetena mu. Saa afe no, Nkrumah san dii nkunim wɔ aba a wɔtooe no mu. Afei kokoo bo nso kɔɔ so pa ara yiye. Sika a efii kokoo dwa no mu bae no, ankɔ akuafo no hɔ na mmom, Nkrumah hyehyɛ sɛ wɔde sika no bɛyɛ mpontunnwuma a eyi annyɛ akuafo no anigye koraa. ɔsan hyehyɛɛ mmra abien bi a wɔfrɛ wɔn “Trade Union Act” ne “Preventive Detection Act” a wɔde akasakasa ne nwiinwi hyɛɛ amanfo ano. “Trade Union Act” no kyerɛɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obiara de n'adwumayɛde bɛto hɔ sɛ n'asetena mu ayɛ den ntti anaa ɔpɛ biribi efi aban hɔ. “Preventive Detention Act” no nso kyerɛɛ sɛ obiara a ɔyɛɛ nea ɛkyerɛɛ sɛ ɔmpɛ aban no nhyehyɛe anaa onyaae anka Nkrumah nnyɛ ɔmanpanyin bio no, wɔkye no de non hyɛɛ fie ase a nsɛmmisa biara nka ho koraa. Nkrumah hwehwɛɛ mpontuhare kwan a ɔde Ghana bɛfa na saa kwan no so no, na ɛwɔ sɛ obiara a nya mpontu no bi a nnyɛ wɔn a wɔyeɛɛ adwuma no nko. Eyi maa Nkrumah ne n'aban ho nsɛm yɛɛ amanfo pii abufuw. N'aban no mu nnipa nom bi nso de tumi a wɔwɔ no gyee adwuma fii adwumayɛfo no hɔ sɛnea wɔn nso wobenya sika. Wɔn a na ɛwɔ sɛ wɔka aban no asɛesɛm kyerɛ ɔmanpanyin no nso gyaee efisɛ na wosuro sɛ wɔka a, Nkrumah beyi wɔn adi. Eyi nti na ɛyɛ nnipa pii sɛ wɔnho nhia aban no ne Nkrumah bio. Nkrumah nso hunuu sɛ nnipa dodow no mpɛ n'asɛm bio no, ɔde asurooow etwaa amanneɛkuw foforo a wɔwɔ ɔman no mu koraa na osii ne ho ɔmanpanyin kosi ne wu bere. ɔhyehyɛɛ saa mmra yi wɔ afe 1964 mu.
Nkrumah adwen da mpontu ho no nti no, ɔpene maa Amɛrikafo besii Akosombo Dam no sɛ ɛmma anyinam ahoɔden a ehia sɛ ɔman no de betu mpon. ɔman no de sika a wɔasrɛ na esii efidie no nti ɔbɔɔ ka yiye. Esan sɛ ɛwɔ dɛ ɔman no atua sika no nti no, ɔbɔɔ kokoo kuafo no ka yiye. Eyi de ahoɔyaw hyɛɛ akuafo ne Ghanafo pii ho tiaa Nkrumah. Afei na nnipa pii abrɛ Nkrumah na ne mmere nso aso. N'anuonyam kɔɔ so wɔ aman foforo hɔ nso na onnim sɛ ne mmere aso sɛ obefi ɔmanpanyin gua no so. Wɔ Ogyefuo 1966 mu no, bere a Nkrumah kɔɔ Beijing, wɔ China no, wotuu no ade so. Kwame Nkrumah wui wɔ obi ne kurowmu. Nkrumah annsan amma Ghana. ɔtenaa Guinea na ɛhɔ na ɔkɔɔ so hwɛɛ sɛ abibiman bɛka abom ayɛ baako. Guinea ɔmanpanyin Sekou Toure hwɛɛ ne so nso na Nkrumah suro sɛ aborɔfo a wɔhwɛe ma wotuu no ade so no bɛtaa no akum no owɔ Guinea hɔ a ɔwɔ no. Eyi nti na osuro yiye. N'aduannuafo wui no, na afei ɔde aduan sie wɔ ne dan mu efisɛ na osuro sɛ obi bɛhyɛ no aduro akum no kwa. ɔbra yi mu na ɔsagyefo Kwame Nkrumah yaree. Wɔde no kɔɔ Romania kɔhwɛɛ n'ayaresa na ɛhɔ na owui wɔ ɛbɔ, 1972 mu. Wosiee no wɔ Nkrɔful a ɛyɛ baabi a wɔwoo no nso ekyiri no, wɔsan de no baa Nkran a ɛhɔ na wosii mɛmoreal tumb a nnɛ yɛdekae abibimanba panyin baako ɔyɛɛ pii boaa ne man ne abibifo nyinaa.
[edit] Kwame Nkrumah Ndwuma
- Akosombo Dame
- Tema Kwankɛse